Ephesians 4

Biakoyɛ

1Me a esiane sɛ mesom Awurade nti meyɛ odediani no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo mu no. 2Bere biara munnwo, monyɛ dinn na montɔ mo bo ase. 3Daa momma Honhom no nni mo kan na mo ne mo ho mo ho ntena ase asomdwoe mu.

4Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ sɛnea anidaso baako a Onyankopɔn nam so afrɛ mo wɔ hɔ no. 5Awurade baako, gyidi baako ne asubɔ baako na ɛwɔ hɔ. 6Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa Agya no a ɔsan yɛ yɛn nyinaa Awurade no, na ɔnam yɛn nyinaa so di dwuma na ɔwɔ yɛn nyinaa mu no, na ɔwɔ hɔ. 7Yɛn mu biara wɔ akyɛde bi a Kristo de ama yɛn.

8Kyerɛwsɛm no ka se, “Bere a ɔkɔɔ soro no, ɔfaa nneduafo bebree kaa ne ho; ɔmaa nnipa akyɛde.” 9Afei, “ɔkɔɔ soro” no ase kyerɛ dɛn? Ase kyerɛ sɛ, nea edi kan no, ɔbaa fam, asase ase pɛɛ. 10Enti nea ɔbaa fam no ara na ɔkɔɔ soro kɔhyɛɛ wim nyinaa.

11Ɔno na “ɔmaa nnipa akyɛde” no; oyii ebinom ma wɔbɛyɛɛ asomafo, afoforo bɛyɛɛ adiyifo, afoforo bɛyɛɛ asɛmpakafo. Ebi bɛyɛɛ asɔfo ne akyerɛkyerɛfo.

12Ɔyɛɛ eyi de siesiee Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa maa Kristo adwumayɛ na wɔnam so ama Kristo nipadua no agyina. 13Enti yɛnam yɛn gyidi ne yɛn nimdeɛ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Ba no ho no bɛyɛ baako. Yɛbɛyɛ nnipa a wɔn adwenem abue na wobehu pɛ a Kristo yɛ no bi yɛn mu.

14Yɛrenyɛ mmofra a nnipa bi nam wɔn nkyerɛkyerɛ so kyerɛkyerɛ afoforo, daadaa wɔn de wɔn kɔ mfomso mu no bi bio. 15Mmom, sɛ yɛtena ase nokware ne ɔdɔ honhom mu a, yebenyin wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu. 16Ne nti na honam no akwaa horow suso ne ho ne ho mu nam ɔdɔ mu nyin bere a wɔn mu biara di ne dwuma no.

Tena ase ɔbra foforo no mu

17Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ Amanamanmufo a wonni adwene pa bi, 18na esum aduru wɔn adwene no. Wonni kyɛfa wɔ asetena a Onyankopɔn ma no mu efisɛ, wɔapirim wɔn koma. 19Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi a wonnu wɔn ho.

20Ɛnyɛ saa na musua faa Kristo ho. 21Ɛyɛ nokware sɛ motee ne nka, na sɛ moyɛ nʼakyidifo nti, wɔkyerɛɛ mo nokware a ɛwɔ Yesu mu. 22Enti montew mo ho mfi mo suban dedaw no a ɛde mo kɔɔ nnaadaa mu no ho. 23Ɛsɛ sɛ wɔyɛ mo koma ne mo adwene foforo koraa 24na montena ase wɔ suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso a ɛda abrabɔ pa a ɛteɛ na ɛyɛ kronn no mu no.

25Munntwitwa atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu. 26Sɛ wo bo fuw a, mma wʼabufuw no mfa wo nkɔ bɔne mu na mma ade nnkye wʼabufuw so. 27Mma ɔbonsam kwan.

28Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae korɔnbɔ no na ɔnam so aboa ahiafo. 29Mma kasa bɔne mfi wʼanom na mmom ka kasa pa na aboa afoforo wɔ nea ehia wɔn mu ne wɔn a wotie mo no.

30Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so ahyɛ mo nkwagye ho bɔ no awerɛhow.

31Munnyae anoɔyaw, bo bɔne, abufuw, ateɛteɛ, ayeyawyeyaw ne ɔtan nyinaa. 32Monyɛ mo ho mo ho adɔe na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

Copyright information for TwiNAK